ESTHER 7: WƆMFA ME NKWA NKYƐ ME
[if the font does not display on your computer, download the PDF version: TWI_ESTHER_7_WƆMFA_ME]
ESTHER 7:3-4
Enna ɔhemmaa Esther buaa sɛ : ɔhene sɛ m’anim aba nyam w’anim , na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ ne me manfoɔ sɛ m’adeɛ a mere hwehwɛ, na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn, nkuku yɛn nnwerɛ yɛn. Na sɛ wɔre tontɔn yɛn ayɛ nkoa ne nfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene adeɛ a ɛbɛsɛeɛ no anaamu.
Saa ɔfa yi ne Esther adesrɛ a ɛtɔ so miensa wɔ ɔhene hɔ. Ɛha no esther kyekyerɛ mu kyerɛ ɔhene nea ɔhia ankasa. Ɔbisaa ɔhene sɛ ɔfa ne nkwa nkyɛ no. Nea yɛ hu no adesrɛ no mu no yɛ nkwagyeɛ ho mpaebɔ.
Akristofoɔ bebere no a, na ɛnsua mpaebɔ koraa, na doduo no a nso a, wɔ tumi bɔ mpae no,wɔn mpaebɔ no gyina wɔn honam mu ahiadeɛ ne wɔn abrabɔ mu haw so. Ɛwom, bible ka sɛ yɛn bɔ mpae mfa yɛn haw ho. (apɔmuden, sikasɛm, abusua,, ɔman, a.n). Nanso, bible koro no a nso, nkwagyeɛ ho mpae ahyɛ mu ma,ɛbi yɛ sɛ, nipa ɛbisa awurade sɛ ɔgye wɔn, anaa ɔyi wɔn firi owuo mu, anaa ɔsɛeɛ mu. Ɛwɔsɛ yɛ te aseɛ sɛ, nkwagyeɛ yɛ owuo ne nkwa asɛm, na ɛyɛ adeɛ nso a onyankopɔn nkua nkyɛn na yɛ nya no. Yɛsu kaa sɛ: “na sɛɛ na onyankopɔn dɔɔ wiase, sɛ ɔdi ne dɔ ba korɔ no maeɛ, na obiara a ɔbɛgye ɛdie no anyera , na wanya daa nkwa. “(yohane:3:16). Sɛ yɛkwati Yɛsu, anaa sɛ Yɛsu nka ho a, yɛn nyinaa bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, na nkwagyeɛ bɛbɔ yɛn.
Yɛsu din no asekyerɛ ne nkwagyeɛ, na ɛdeɛn mu na ɔfa gye yɛn? Ɔgyee yɛn firi daa owuo mu, ɛfiri bɔne mu, ɛfiri homhom mu ɛsum mu, ɛfiri mmra ase na afei nso ɔgyee yɛn homhom mu sɛeɛ mu, te sɛnea Haman de na adwene bɔɔ pɔ bɔne sɛ ɔbɛtɔre nyame nkorofoɔ nyinaa ase wɔ Esther berɛ so no.
Nkwagyeɛ ase kyerɛ ne sɛ kristo ɛmma yɛn awo foforo te sɛnea Esther kaa sɛ: “fa me nkwa kyɛ me no”. Nipa dodoɔ no a , mpo akristofoɔ beberɛ no a, na wɔn nnyaa nteaseɛ ne ɛhu a ɛyɛ sɛ wɔ bɛ firi wiase yi mu , anaa w’ɛwuo, na wɛɛ ɛnya nkwagyeɛ wɔ yɛsu kristo mu. Daa owuo ne ɔsɛeɛ wɔ hɔ,na ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hu (nanso, ɛno na ɛsɛ fata bɔne so akatua). Ɛnne sɛ yɛ bɔ mpae ma ɛwufoɔ,sɛ yɛɛ bɔ mpae ama nipa a wɛwuo. Bible no ka sɛ, nipa wu prɛko pɛ, na owuo akyiri no atenmuo( ) yɛn ntumi nsesa wɔn a wɛ wuo hyɛberɛ, ɛmfa ho ne mpae dodoɔ a yɛbɛ bɔ. yɛn nkwagyeɛ ho mpae mom na ɛwɔ sɛ yɛ bɔ, ne wɔn a wɔ tease no no ho mpaebɔ, firi sɛ yɛn na akwan nya wɔ hɔ ma yɛn sɛ yɛ bɛtumi asesa na yɛ de yɛn ho nyinaa ama kristo.
Nipa dodoɔ no a na wɔ frɛ wɔn ho sɛ akristofoɔ na wɔ dwene sɛ nkwagyeɛ yɛ sɛ wagye atomu sɛ ɔyɛ ɔkristo nii kɛkɛ, na da biara yɛ hu no wɔ asɔre fie,ɛneɛ wo wu pɛ (heaven). Wayera kwan, a ɛkyerɛ sɛ wohia agyenkwa no. Nea ɛyɛ hu wɔ ho ne sɛ , bɔne akatua ne owuo a bibiara ɛntumi ɛnsesa no.(“…na bɔne akatua ne owuo Romanfoɔ 6: 23”) yɛn dwuma pa ntumi tua yɛn bɔne so ka, na ɛntumi mpepa yɛn bɔne wɔ nyame ɛnim, nanso yɛ hia awo foforo , anaa homhom mu awo foforo , ɛno nso yɛsu mu nkoa na yɛnya no.
Ɛno nti na sɛ onyankopon ama yɛn akwɛnya sɛɛ a, sɛ yɛn fa yɛn adesrɛ nyinaa ne yɛn haw nyinaa ɛbra nɛnim a,na ɛwɔ sɛ yɛn adesrɛ a ɛdikan no, anaa yɛn mpae a ɛdi kan no yɛ awo foforo wɔ yɛsu kristo mu ho mpaebɔ. Yɛn ɛhiadeɛ ne yɛn adesrɛ nyinaa, ɛwɔsɛ ɛtwen kopem sɛ, yɛ bɛ srɛ yɛsu na w’agye yɛn, na wa agye yɛn ɛfiri ɔsɛeɛfoɔ no mpokyerɛ mu. Ɛnyɛ mpae tenten ne dede yɛ na ɛdi yɛn kɔ nkwagyeɛ mu. Ɔhaw no ne sɛ(daa owuo), na yɛn nso yadesrɛ ne sɛ , fa me nkwa hyɛ me. Dea ɛtɔ so mienu, yɛ bɔ nkwagyeɛ ho mpae ma wɔn a ɛtwa yɛn ho ɛhyia nso, “na gye me manfoɔ- m’adesrɛ ne”.Yɛ bɔ mpae ma wɔn a ɛtwa yɛ ho ɛhyia ɛfiri sɛ, yɛ hu sɛ, yɛ ne wɔn nyinaa gyina bo korow so,ɛfa daa owuo ne aso twe ,ɛne nkwagyeɛ a ɛmfiri kristo hɔ no. Ɛhyɛ onyankopong ɛnuonyam sɛ yɛ bɔ mpae ma wɔn a w’ayera na yɛsrɛ de wɔn ba kristo nkwagyeɛ no mu (yak: 5-20)
Saa neɛma mienu yi ba ansaa na yeabɔ mpae afa yɛn ɛhiadeɛ ho. Adesrɛ mienu yi ho hia yeɛ sɛ yɛ ka kyere nyame. Bisa nyame sɛ ɔgye yɛn(na dabiara da nso, yɛnbisa no sɛ ɔnyɛ yɛn foforo wɔ yɛn nkwagyeɛ akwantuo yi mu.) na ɔgye wɔn a ɛtwa yɛn ahyia nso bi: te sɛ yɛn abusua,yɛn namfonom,ɛfipamfoɔ, adwumayɛfoɔ ɛne aban mu mpaninfoɔ. ”Sɛ anka ɔtɔnton yɛn, yɛɛ nkoa ne nfenaa a….. Daa ɔwuo yɛ haw kesseɛ, sene ohia fitaa anaa ɔman mu ahokyerɛ(tesɛ nkoasom). Tete mere mu no, sɛ wɔton obi yɛ akoa a, na ɛnyɛ koraa ,ɛfiri sɛ akoa deɛ wo biribiara yɛ wo wura dea. Na wɔ nne ho kwan sɛ, wo kɔ wɛ busuafoɔ hɔ a. Nanso daa owuo, yɛ hu sene nkoasom. Yɛn haw kessie nyɛ sɛ yɛ ha yɛn, na ɛmom sɛ yɛbɛ nya daa nkwa.
Translated from Grant Me My Life – Esther 7:3-4